Sεdeε Wɔde Akan Kasa Di Dwuma ɛnnɛ Mmerɛ Yi Wɔ Radio Ne Tv So
Loading...
Date
Authors
Journal Title
Journal ISSN
Volume Title
Publisher
University of Ghana
Abstract
Akwannya wɔ hɔ ma ꓛman ba biara sε sua kasa bi anaa ɔde di dwuma biara a ɔpε. ɔman yi amammuo mmara (1992 constitution of Ghana (article 21 (1) a)) ma ho kwan sε ɔman ba biara tumi kyerε n’adwene, ka de3 ɔpε, nanso Akan amammerε mu deε, kasa mmara no mma ho kwan saa. εwɔ sε ɔkasafoɔ no hunu asεm a yetumi bɔ so penpen ne deε wɔde fa kwatikwan bi so. Bio, εsε sε ɔhwε beaeε pɔtee a ɔrekasa no. Wei na εboa te nkutahodie mu haw so. εno na εkyerε sε ɔkasafoɔ no apɔ, ɔnim n’amammerε. Kwatikwan kasa ho hia pa ara wɔ yεn daadaa ne badwam kasa nyinaa ara mu. Nhwehwεmu yi hwε sεdeε radio ne TV so akasafoɔ de penpenkasa ne kwatikwan di dwuma, εnnε mmerε yi wɔ Akan radio ne TV so. Lengwesteks adwenemusεm a yεde yεε mpεnsεmpεnsεnmu yi ne Fairclough (1995, 2012) kasa mfeefeemu nnyinasoɔ “Critical Discourse Analysis” (CDA). Yεde ayε kasasuo no sukyerε mpεnsεmpεnsεnmu. Yεahwε nsεm nkorεnkorε no mu, na yεahwε akasafoɔ no botaeε. Yεgyee nsεmmoano no firii Peace F.M. ne Adom F.M.-Nkran, Kessben F.M. ne Fox F.M.- Asante, Eastern F.M. ne ɔboɔba F.M.- Apueε mantamu. TV; Ghana Television–GTV ne UTV. Yεfaa penpenkasa ne kwatikwan kasasuo no firii anɔpa dawubɔ mpεnsεmpεnsεnmu dwumadie mu, mpamu nsεm dwumadie, ne kaseεbɔ; 6:00an, 12aw ne 6:00anw. mu.
Description
Thesis (PhD)
